15 Afei Onyankopɔn san ka kyerɛɛ Mose sɛ:
“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn,+ ne Yakob Nyankopɔn+ na wasoma me mo nkyɛn.’ Wei ne me din de kɔsi daa,+ na wei na wɔmfa nkae me wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.