21 “Montwe mo ho mfiri saa nkurɔfoɔ yi ho, na menhye wɔn ase seesei ara.”+ 22 Berɛ a wɔtee saa no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, na wɔkaa sɛ: “O, Onyankopɔn, Onyankopɔn a woma nnipa nyinaa nkwa,+ onipa baako bɔne nti, wobɛma w’abufuo aba asafo yi nyinaa so anaa?”+