-
Leviticus 5:11, 12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 “‘Nanso sɛ ɔrennya mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu a, ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako*+ mmra mmɛbɔ ne bɔne ho afɔreɛ. Mma no mmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ɛhyɛ* nnka ho; ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ. 12 Ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no nsa ne nsa ma nhye wɔ afɔrebukyia no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa.* Ɔnhye no afɔrebukyia no so wɔ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no so. Ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ.
-
-
Leviticus 6:25, 26Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
25 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Bɔne ho afɔreɛ no ho mmara nie:+ Faako a wɔkum aboa a wɔde no bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no,+ ɛhɔ ara nso na wɔbɛkum aboa a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no wɔ Yehowa anim. Ɛyɛ ade kronkron paa. 26 Ɔsɔfoɔ a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no bɛwe bi.+ Na ɔbɛwe wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ.+
-