-
Leviticus 22:4-6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Aaron asefoɔ no mu barima biara a ɔyare kwata+ anaa nsuo firi ne ho sene+ rentumi nni nneɛma kronkron no bi kɔsi sɛ ne ho bɛte,+ na deɛ ne ho aka obi a efunu* agu ne ho fĩ+ nso rentumi nni. Saa ara na sɛ ɔbarima bi ho ba,+ 5 anaa ne ho ka aboa a ɔwea fam+ a ne ho nte anaa ne ho ka obi a biribi agu ne ho fĩ a,+ ɔrentumi nni. 6 Obi* a ne ho bɛka biribi a ɛte saa no ho rente kɔsi anwummerɛ, na ɛnsɛ sɛ ɔdi nneɛma kronkron no bi. Ɛsɛ sɛ ɔde nsuo dware.+
-