-
Hebrifoɔ 9:9, 10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Saa ntomadan yi yɛ nhwɛsoɔ ma berɛ a ɛwɔ hɔ seesei yi,+ na sɛdeɛ ɛho nhyehyɛeɛ teɛ no, wɔde akyɛdeɛ ne afɔreɛ nyinaa ma.+ Nanso, wei ntumi mma deɛ ɔyɛ ɔsom adwuma* no ahonim* nwie pɛyɛ.+ 10 Mmom deɛ ɛfa ho ara ne nnuane ne anonneɛ ne asubɔ ahodoɔ.*+ Ná ɛyɛ nipadua ho nneɛma a mmara hwehwɛ,+ na na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma kɔsi sɛ berɛ a wɔahyɛ sɛ wɔde bɛtoto nneɛma yie no bɛba.
-
-
Hebrifoɔ 9:13, 14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
13 Mpɔnkye ne anantwinini mogya+ ne nantwibedeɛ* nsõ a wɔde pete wɔn a wɔn ho agu fĩ so no, ɛno mpo maa wɔn ho tee, na ɛdwiraa wɔn ho.*+ 14 Sɛ saa a, ɛnneɛ Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho maa Onyankopɔn sɛ afɔreɛ a dɛm nni ho no, hwɛ sɛdeɛ ne mogya+ bɛtumi ate yɛn ahonim* ho afiri nnwuma funu ho+ na yɛatumi de ɔsom kronn ama Onyankopɔn teasefoɔ no!+
-