23 Mfeɛ* pii akyi no, Egypt hene no wuiɛ,+ nanso nkoasom no nti, Israelfoɔ no kɔɔ so sii apini, na wɔsu hwehwɛɛ ɔboafoɔ, na wɔn sufrɛ no duruu nokorɛ Nyankopɔn no asom.+
7 Yehowa toaa n’asɛm no so sɛ: “Amaneɛ a me nkurɔfoɔ a wɔwɔ Egypt no rehunu nyinaa m’ani tua, na mate apini a wɔsi ɛsiane sɛ wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma nti. Menim wɔn brɛ nyinaa.+