-
Yosua 12:4-6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Wɔsan faa Basan hene Og asaase.+ Refaimfoɔ a na wɔaka no, na ɔka ho,+ na ɔtenaa Astarot ne Edrei. 5 Ɔdii hene wɔ Hermon Bepɔ so ne Saleka ne Basan+ nyinaa de kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ+ hyeɛ so ne Gilead fã kɔpem Hesbon hene Sihon asaase so.+
6 Yehowa akoa Mose ne Israelfoɔ no dii wɔn so,+ na ɛno akyi no, Yehowa akoa Mose de wɔn asaase no maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no.+
-