-
Numeri 22:5, 6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 Enti ɔsomaa nnipa kɔɔ Beor ba Baalam nkyɛn wɔ Petor+ a ɛbɛn Asubɔnten* a ɛwɔ asaase a wɔwoo Baalam wɔ so no so no. Ɔmaa wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Nkurɔfoɔ bi firi Egypt aba. Hwɛ! Wɔahyɛ asaase so ma,*+ na wɔte me hwene ano pɛɛ. 6 Enti mepa wo kyɛw, bra na bɛdome saa nkurɔfoɔ yi ma me,+ ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me. Ebia mɛtumi adi wɔn so nkonim na mapamo wɔn afiri asaase no so, ɛfiri sɛ menim yie sɛ deɛ wobɛhyira no no, wɔbɛhyira no, na deɛ wobɛdome no no, wɔbɛdome no.”
-