-
Genesis 12:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Firi w’asaase so ne w’abusuafoɔ mu ne w’agya fie kɔ asaase a mɛkyerɛ wo no so.+ 2 Mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mɛhyira wo ama wo din ayɛ kɛseɛ, na wobɛyɛ nhyira ama nkurɔfoɔ.+ 3 Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo, na mɛdome obiara a ɔdome wo,+ na ɛkwan biara so asaase so mmusua nyinaa nam wo so bɛnya nhyira.”*+
-
-
Genesis 22:15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Yehowa bɔfoɔ firi soro frɛɛ Abraham ne mprenu so,
-