7 Afei Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Abram na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “W’asefoɔ*+ na mede asaase yi bɛma wɔn.”+ Enti ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Yehowa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no no.
18 Saa da no, Yehowa ne Abram yɛɛ apam,+ na ɔkaa sɛ: “Mede asaase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ,*+ ɛfiri Egypt asubɔnten no ho kɔsi asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho:+