21 Yehowa bɛma yareɛ abɛtena wo so akɔsi sɛ ɔbɛtɔre w’ase afiri asaase a worekɔ so no so.+ 22 Yehowa de nsamanwa, atiridii,+ ahoyera, ahohyehyeɛ, ne sekan+ bɛba wo so, na ɔbɛma ɛhyew aku wo nnɔbaeɛ na yareɛ ate asi w’afuo so;+ weinom nyinaa bɛba wo so akɔsi sɛ w’ase bɛhye.