32 O asaase so ahennie, monto dwom mma Onyankopɔn,+
Monto ayeyi nnwom mma Yehowa; (Sela)
33 Monto mma deɛ ɔte ɔsoro mu soro+ firi teteete no.
Hwɛ! Ɔbobom, ɔde nne a emu yɛ duru bobom.
34 Monnye ntom sɛ Onyankopɔn wɔ ahoɔden.+
Ɔdi tumi kɛseɛ wɔ Israel so,
Na n’ahoɔden wɔ wiem.