19 Me ne no anante sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma ne ne fiefoɔ a wɔbɛba akyire yi afa Yehowa akwan so,+ na wɔayɛ deɛ ɛtene abu atɛntenenee. Ɛno bɛma Yehowa adi ɛbɔ a wahyɛ Abraham no so.”
6 Ma mmara nsɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna w’akoma so, 7 na fa dua wo mma akomam,*+ na ka ho asɛm berɛ a wote wo fie, berɛ a wonam kwan so, berɛ a woda hɔ, ne berɛ a woasɔre.+