-
Yosua 20:8, 9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 Yordan mpɔtamu wɔ Yeriko apueeɛ nso, wɔyii Beser+ a ɛwɔ serɛ so no firii Ruben abusuakuo mu. Ná saa serɛ no wɔ bepɔ so asaase tratra no so. Wɔyii Ramot+ a ɛwɔ Gilead firii Gad abusuakuo mu, ɛnna wɔyii Golan+ a ɛwɔ Basan firii Manase abusuakuo mu.+
9 Weinom ne nkuro a wɔyi maa Israelfoɔ nyinaa ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no, na sɛ obi kum obi* na wanhyɛ da a, wadwane akɔ hɔ,+ na deɛ wɔaku no no busuani* no anku no kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm.+
-