16 Ɛda a ɔman no bɔɔ dwa no, wei ne mmuaeɛ a wonyaeɛ berɛ a wode w’abisadeɛ too Yehowa wo Nyankopɔn anim wɔ Horeb no.+ Saa da no na wokaa sɛ, ‘Mma mennte Yehowa me Nyankopɔn nne bio, na mma mennhu egya kɛseɛ yi bio na manwu.’+ 17 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Deɛ wɔaka no yɛ.