14 Ɛnsɛ sɛ mokɔdi anyame foforɔ akyi; monnkɔdi aman a atwa mo ho ahyia no anyame no biara akyi,+ 15 ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn a ɔwɔ mo mfimfini no yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ Anyɛ saa a, Yehowa mo Nyankopɔn bo bɛfu mo dendeenden+ na watɔre mo ase afiri asaase so.+