-
Hebrifoɔ 12:5-7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 Na afotuo a wɔde maa mo sɛ mma no, mo werɛ afi koraa. Ɛka sɛ: “Me ba, mmu Yehowa* ntenesoɔ adewa, na sɛ ɔka w’anim nso a, mpa aba; 6 na deɛ Yehowa* dɔ no na ɔtene ne so. Deɛ ɛwom ne sɛ, obiara a ɔgye no yɛ ne ba no, ɔhwe no.”*+
7 Deɛ morefa mu no, ɛhia sɛ mode animia gyina mu na mobu no sɛ ɛka mo ntenesoɔ no ho.* Onyankopɔn reyɛ mo sɛ mma.+ Na ɔba bɛn na ne papa ntene ne so?+
-