14 Akyire yi a Lot tee ne ho firii Abram ho no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo, gyina baabi a wowɔ no na ma w’ani so hwɛ atifi ne anaafoɔ, apueeɛ ne atɔeɛ, 15 ɛfiri sɛ asaase a w’ani tua yi nyinaa mede bɛma wo ne w’asefoɔ*+ afebɔɔ.
17Berɛ a Abram dii mfeɛ 99 no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ: “Mene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Nante m’akwan so, na mma asɛm biara mmma wo ho.*