28“Sɛ woyɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na wodi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛma woayɛ kɛseɛ asene asaase so aman nyinaa.+2 Wokɔ so yɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm a, nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+