Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 14:39-45
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 39 Berɛ a Mose kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa no, ɔman no firii aseɛ dii awerɛhoɔ yie. 40 Afei wɔsɔree anɔpatutuutu sɛ wɔreforo akɔ bepɔ no apampam, na wɔkaa sɛ: “Yɛayɛ krado sɛ yɛbɛforo akɔ baabi a Yehowa kaa ho asɛm no, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne.”+ 41 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Adɛn nti na morebu Yehowa asɛm so? Ɛrensi mo yie. 42 Monhwɛ na moamforo ankɔ, ɛfiri sɛ Yehowa nka mo ho; anyɛ saa a, mobɛdi nkoguo wɔ mo atamfo anim.+ 43 Hwɛ, Amalekfoɔ ne Kaananfoɔ wɔ hɔ,+ na wɔne mo bɛko, na wɔde sekan bɛkunkum mo. Ɛsiane sɛ moafiri Yehowa akyi nti, Yehowa nso renni mo akyi bio.”+

      44 Nanso wɔyɛɛ asoɔden, na wɔforo kɔɔ bepɔ no apampam,+ na Yehowa apam adaka no ne Mose amfiri asoɛeɛ no mfimfini ankɔ.+ 45 Na Amalekfoɔ ne Kaananfoɔ a wɔtete saa bepɔ no so no siane bɛto hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn, na wɔbɔɔ wɔn a wɔaka no hwete kɔɔ Horma tɔnn.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane