Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Genesis 49:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Ahempoma remfiri Yuda nsa,+ na tumi poma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ Silo* bɛba;+ ɔno na aman bɛtie no.+

  • Numeri 24:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Mɛhu no, nanso ɛnyɛ nnɛ;

      Mede m’ani bɛhu no, nanso ɛnyɛ seesei.

      Nsoromma bi+ bɛpue afiri Yakob mu,

      Na ahempoma bi+ bɛsɔre afiri Israel mu.+

      Na sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛpaapae Moab moma,*+

      Na wapaapae mma a wɔyɛ dede no tikwankoraa.

  • Luka 7:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: “Wɔama odiyifoɔ kɛseɛ bi so wɔ yɛn mu.”+ Wɔka kaa ho sɛ: “Onyankopɔn atwa n’ani abɛhwɛ ne nkurɔfoɔ.”+

  • Yohane 1:45
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 45 Filipo huu Natanael+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu deɛ Mose twerɛɛ ne ho asɛm wɔ Mmara no mu a Adiyifoɔ no nso twerɛɛ ne ho asɛm no: Yesu, Yosef+ ba a ɔfiri Nasaret no.”

  • Yohane 6:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Berɛ a nnipa no huu sɛnkyerɛnne a ɔyɛeɛ no, wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Ampa, wei ne Odiyifoɔ a ɔreba wiase no.”+

  • Asomafoɔ Nnwuma 3:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Deɛ ɛwom ne sɛ, Mose kaa sɛ: ‘Yehowa* mo Nyankopɔn bɛyi odiyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri mo nuanom mu ama mo.+ Deɛ ɔbɛka akyerɛ mo biara, ɛsɛ sɛ motie.+

  • Asomafoɔ Nnwuma 7:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 “Mose yi na ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: ‘Onyankopɔn bɛyi odiyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri mo nuanom mu ama mo.’+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane