-
Yosua 20:7, 8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Enti wɔhyiraa nkuro yi so:* Kedes+ a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali mmepɔ mu; Sekem+ a ɛwɔ Efraim mmepɔ mu; ne Kiriat-Arba,+ kyerɛ sɛ, Hebron, wɔ Yuda mmepɔ mu. 8 Yordan mpɔtamu wɔ Yeriko apueeɛ nso, wɔyii Beser+ a ɛwɔ serɛ so no firii Ruben abusuakuo mu. Ná saa serɛ no wɔ bepɔ so asaase tratra no so. Wɔyii Ramot+ a ɛwɔ Gilead firii Gad abusuakuo mu, ɛnna wɔyii Golan+ a ɛwɔ Basan firii Manase abusuakuo mu.+
-