Leviticus 22:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Monnkum nantwie anaa odwan ne ne ba nyinaa da koro.+ Dwom 145:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Yehowa da ne papayɛ adi kyerɛ obiara,+Na ne nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu. Mmebusɛm 12:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɔteneneeni hwɛ n’afieboa* yie,+Na ɔbɔnefoɔ deɛ, ne mmɔborɔhunu mpo yɛ atirimuɔden. Mateo 10:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Wɔtɔn nkasanoma mmienu gye kaprɛ,* ɛnte saa? Nanso wɔn mu baako mpo ntɔ fam a mo Agya renhunu.+