5 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ: “Yɛatwe yɛn ho afiri mmaa ho sɛdeɛ berɛ biara a mɛkɔ ɛko no, meyɛ no.+ Sɛ ɛnyɛ ade kronkron na yɛrekɔyɛ mpo a, ɛyɛ a mmeranteɛ no ho te, na kampɛsɛ ɛnnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn ho te.”
11 Uria ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Apata ase na Adaka no+ ne Israelfoɔ ne Yudafoɔ wɔ, na me wura Yoab ne me wura nkoa akɔsoɛ wuram. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ me fie kɔdidi nom, na me ne me yere da?+ Sɛ́ wote ase na nkwa* wɔ wo mu yi, merenyɛ saa!”