Mateo 5:31, 32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 “Bio nso, wɔkaa sɛ: ‘Obiara a ɔbɛgyaa ne yere no, ɔmma no awaregyaeɛ krataa.’+ 32 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ* nti na obi gyaa ne yere a, ɛbɛtumi ama ɔbaa no asɛe awareɛ, na obiara a ɔbɛware ɔbaa a wɔagyaa no no asɛe awareɛ.+ Marko 10:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Wɔkaa sɛ: “Mose maa kwan sɛ wɔtumi twerɛ awaregyaeɛ krataa de gyaa ɔbaa no.”+ Marko 10:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi gyaa ne yere, na ɔsan ware foforɔ a, wasɛe awareɛ,+ na wayɛ ɔbaa no bɔne.
31 “Bio nso, wɔkaa sɛ: ‘Obiara a ɔbɛgyaa ne yere no, ɔmma no awaregyaeɛ krataa.’+ 32 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ* nti na obi gyaa ne yere a, ɛbɛtumi ama ɔbaa no asɛe awareɛ, na obiara a ɔbɛware ɔbaa a wɔagyaa no no asɛe awareɛ.+
11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi gyaa ne yere, na ɔsan ware foforɔ a, wasɛe awareɛ,+ na wayɛ ɔbaa no bɔne.