-
Rut 1:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
1 Atemmufoɔ no berɛ so no,*+ ɛkɔm baa asaase no so, na ɔbarima bi ne ne yere ne wɔn mma mmarima mmienu tu firii Betlehem+ a ɛwɔ Yuda kɔyɛɛ ahɔhoɔ wɔ Moab+ asaase so. 2 Ɔbarima no din de Elimelek,* ne yere din de Naomi,* na ne mma mmienu no din de Malon* ne Kilion.* Ná wɔyɛ Efratafoɔ a wɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda. Berɛ a wɔkɔduruu Moab asaase so no, wɔtenaa hɔ.
-