1 Samuel 4:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Afei wɔgyee Onyankopɔn Adaka no, na Eli mma mmienu no, Hofni ne Finehas nso wuwuiɛ.+ 1 Samuel 5:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Berɛ a Filistifoɔ no gyee nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no,+ wɔde firi Ebeneser kɔɔ Asdod. Dwom 78:61 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 61 N’ahoɔden sɛnkyerɛnne no, ɔmaa no kɔdii baabi;N’animuonyam no, ɔde hyɛɛ atamfo nsa.+