22 Ná Eli abɔ akɔkoraa posoposo, nanso deɛ na ne mma mmarima no de yɛ Israelfoɔ nyinaa no, na wate ho asɛm.+ Afei nso, na wate sɛ mmaa a wɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano no, ne mma no ne wɔn da.+
17 Na ɔbarima a ɔde nkra no baeɛ no buaa sɛ: “Israel adwane wɔ Filistifoɔ anim, na ɔman no adi nkoguo kɛseɛ;+ wo mma mmarima mmienu no, Hofni ne Finehas, awuwu,+ na nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no nso, wɔagye.”+