-
1 Samuel 27:11, 12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 Ɔbarima oo, ɔbaa oo, Dawid ankora obiara nkwa so amfa no amma Gat, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Anyɛ saa a wɔbɛkɔ akɔka deɛ yɛayɛ sɛ, ‘Sei na Dawid ayɛ.’” (Berɛ a ɔde tenaa Filistifoɔ akuraa no ase nyinaa, saa ara na ɔyɛeɛ.) 12 Enti Akis gyee Dawid diiɛ, na ɔkaa no ne tirim sɛ: “Ampa ara ne ho abɔn ne man Israel, na ɔbɛyɛ m’akoa daa.”
-