4 Dawid bisaa no sɛ: “Nneɛma kɔɔ so sɛn? Mesrɛ wo, ka kyerɛ me.” Na ɔkaa sɛ: “Asraafoɔ no adwane afiri akono, na wɔn mu pii awuwu; Saul ne ne ba Yonatan nso awu.”+
6 Ɛnna aberanteɛ no kaa sɛ: “Mekɔpuee Gilboa Bepɔ so,+ na mehuu sɛ Saul twere ne pea. Ná asraafoɔ a wɔka nteaseɛnam ne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so no ato no awie.+