-
2 Berɛsosɛm 10:1-4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 Rehoboam kɔɔ Sekem.+ Ná Israelfoɔ nyinaa aba Sekem sɛ wɔrebɛsi no hene.+ 2 Berɛ a Nebat ba Yeroboam+ tee deɛ asi no ara pɛ, Yeroboam firii Egypt san bae. (Saa berɛ no, Ɔhene Solomon nti, na wadwane kɔ Egypt.)+ 3 Enti wɔsoma kɔfrɛɛ no bae, na Yeroboam ne Israel nyinaa baa Rehoboam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: 4 “Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru.+ Sɛ woma adwuma denden a wo papa maa yɛyɛeɛ ne kɔndua duruduro a ɔde too yɛn so no mu yɛ hare a, yɛbɛsom wo.”
-