13 Ɔhene Rehoboam maa ne tumi yɛɛ den wɔ Yerusalem, na ɔkɔɔ so dii adeɛ. Berɛ a Rehoboam bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 41, na ɔdii adeɛ mfeɛ 17 wɔ Yerusalem; ɛhɔ ne Israel mmusuakuo no nyinaa kuro a Yehowa yii sɛ ne din ntena. Ɔhene no maame din de Naama, na na ɔyɛ Ammonni.+