-
2 Berɛsosɛm 11:20-22Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
20 Ɛno akyi no, ɔwaree Absalom+ banana Maaka, na ɔne no woo Abia,+ Atai, Sisa, ne Selomit. 21 Rehoboam dɔɔ Absalom banana Maaka senee ne yerenom ne ne mpenafoɔ*+ a aka no nyinaa; ɔnyaa yerenom 18 ne mpenafoɔ 60, na ɔwoo mma mmarima 28 ne mma mmaa 60. 22 Enti Rehoboam yɛɛ Maaka ba Abia panin wɔ ne nuanom so sɛ ɔnni wɔn anim, ɛfiri sɛ na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛsi no hene.
-