Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 16:1-6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Asa ahennie afe a ɛtɔ so 36 mu no, Israel hene Baasa+ baa Yuda so, na ɔfirii aseɛ sɛ ɔresan akyekyere Rama+ kuro no* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rentumi mfiri Yuda hene Asa nkyɛn mma anaa obiara rentumi nkɔ ne nkyɛn.*+ 2 Ɛnna Asa yii dwetɛ ne sika kɔkɔɔ firii Yehowa fie+ ne ahemfie* akoradeɛ mu de kɔmaa Siria hene Ben-Hadad+ a ɔte Damasko no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 3 “Apam* da me ne wo ntam, ne me papa ne wo papa ntam. Merebrɛ wo dwetɛ ne sika kɔkɔɔ. Bra na bɛtwa apam* a wo ne Israel hene Baasa ayɛ no mu na ɔmfiri me so nkɔ.”

      4 Ben-Hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa n’asahene kɔɔ Israel nkuro so, na wɔko faa Eyon,+ Dan,+ Abel-Maim, ne Naftali nkuro mu akoraeɛ nyinaa.+ 5 Berɛ a Baasa teeɛ no, ntɛm ara na ɔgyaee Rama kyekyere.* 6 Ɛnna Ɔhene Asa de Yuda nyinaa kɔeɛ, na wɔkɔsesaa aboɔ ne nnua a na Baasa de rekyekyere Rama+ no, na ɔde kɔkyekyeree Geba+ ne Mispa.*+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane