-
1 Ahemfo 19:9, 10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Ɛhɔ na ɔkɔɔ ɔbodan bi mu+ kɔdaa hɔ anadwo no; na hwɛ! Yehowa bisaa no wɔ hɔ sɛ: “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?” 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mako ama asafo Nyankopɔn Yehowa,+ ɛfiri sɛ Israelfoɔ agya w’apam,+ na w’afɔrebukyia nso, wɔadwiri agu. Wɔde sekan akunkum w’adiyifoɔ,+ na me nko ara na maka. Me nso, wɔrepɛ agye me nkwa* afiri me nsam.”+
-