-
2 Ahemfo 12:11, 12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 Afei wɔde sika a wɔakan no hyɛ wɔn a wɔdeda adwuma no ano wɔ Yehowa fie no nsa, na wɔn nso de tua wɔn a wɔyɛ nnua ho adwuma ne adansifoɔ a wɔreyɛ Yehowa fie hɔ adwuma no ka.+ 12 Wɔde bi nso tua abantofoɔ ne abopaefoɔ no ka, na wɔde bi tɔ nnua a wɔapae ne aboɔ a wɔapae a wɔde bɛsiesie mmeaeɛ a asɛesɛe wɔ Yehowa fie hɔ no, na wɔde bi nso tuatua ɛka biara a wɔbɔ de siesie fie no.
-