11 Enti Yehowa maa Asiria hene dɔm so asahene baa wɔn so. Wɔde akɔtɔkorɔ kyee Manase* na wɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu guu no, na wɔde no kɔɔ Babilon.
13 Ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ daa, na ɔhuu no mmɔbɔ, na ɔtiee ne nkotosrɛ yɛɛ no adom san de no baa Yerusalem bɛtenaa n’ahennwa so.+ Afei Manase bɛhuu sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn no.+