-
2 Berɛsosɛm 24:20, 21Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
20 Onyankopɔn honhom baa* ɔsɔfoɔ Yehoiada+ ba Sakaria so na ɔkɔgyinaa soro baabi wɔ ɔman no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ nokorɛ Nyankopɔn no aka nie, ‘Adɛn nti na mobu Yehowa mmara nsɛm so? Ɛrensi mo yie! Moagya Yehowa, enti ɔno nso bɛgya mo.’”+ 21 Ɛnna wɔbɔɔ ne ho pɔ,+ na ɔhene maa wɔsii no aboɔ wɔ Yehowa fie adihɔ.+
-