-
2 Berɛsosɛm 15:10-13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 Asa ahennie afe a ɛtɔ so 15, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu na wɔboaboaa wɔn ano wɔ Yerusalem. 11 Saa da no wɔde nneɛma a wɔde firi ɛko mu baeɛ no bi bɔɔ afɔreɛ maa Yehowa; wɔde anantwie 700 ne nnwan 7,000. 12 Afei nso, wɔyɛɛ apam sɛ wɔde wɔn akoma ne wɔn kra* nyinaa bɛhwehwɛ wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa.+ 13 Obiara a ɔrenhwehwɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no, kumaa oo, ɔkɛseɛ oo, ɔbarima oo, ɔbaa oo, wɔbɛku no.+
-