14 Lewifoɔ no gyaa wɔn nsaase a mmoa didi so ne wɔn agyapadeɛ,+ na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, ɛfiri sɛ na Yeroboam ne ne mma apamo wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ Yehowa asɔfoɔ bio.+
16 Na wɔn a wɔde wɔn akoma maa sɛ wɔbɛhwehwɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no firii Israel mmusuakuo nyinaa mu dii wɔn akyi baa Yerusalem sɛ wɔrebɛbɔ afɔreɛ ama Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn.+