1Ɔhene Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi kan no, Yehowa faa odiyifoɔ Hagai* so+ ka kyerɛɛ Sealtiel ba Serubabel+ a ɔyɛ Yuda amrado, ne Yehosadak ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panin no sɛ:
14 Afei Yehowa kanyan+ Sealtiel ba Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado+ no, ɔkanyan Yehosadak ba Yosua+ a ɔyɛ ɔsɔfo panin no, na ɔkanyan ɔmanfoɔ a aka no nyinaa. Na wɔbae, na wɔfiri aseɛ yɛɛ asafo Yehowa wɔn Nyankopɔn fie no ho adwuma.+