-
2 Berɛsosɛm 36:22, 23Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
22 Persia hene Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia+ so kaeɛ no bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores* maa no bɔɔ dawuro wɔ n’ahennie nyinaa mu, na ɔsan twerɛɛ+ sɛ: 23 “Sɛdeɛ Persia hene Kores seɛ nie, ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no, de asaase so ahennie nyinaa ama me,+ na waka akyerɛ me sɛ mensi fie mma no wɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda.+ Obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn Yehowa nni n’akyi. Ma no mforo nkɔ.’”+
-