-
Leviticus 5:17, 18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 “Sɛ obi* fom kɔyɛ nneɛma a Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi a, sɛ ɔnnim mpo a, ɔbɛdi fɔ, na ɔbɛnya ne bɔne so akatua.+ 18 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a ɔte apɔ a ɔsom bo te sɛ ɛboɔ a wɔatwa ato hɔ no brɛ ɔsɔfoɔ no na ɔde bɔ afɔdie afɔreɛ.+ Ɔsɔfoɔ no de bɛpata ama bɔne a ɔnnim sɛ wayɛ berɛ a na n’ani nna ne ho so no, na wɔde bɛkyɛ no.
-