-
Nehemia 1:2, 3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 Ɛnna me nua Hanani+ ne mmarima bi a wɔfiri Yuda baa hɔ, na mebisaa wɔn sɛdeɛ Yudafoɔ a wɔasan kɔ wɔn nkyi no+ ho teɛ, ne sɛdeɛ nneɛma rekɔ so wɔ Yerusalem. 3 Wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔn a wɔafiri obi man so aba a wɔwɔ ɔmantam no mu asɛm yɛ mmɔbɔ paa, na animguaseɛ aka wɔn.+ Yerusalem afasuo no abubu,+ na n’apono nso, wɔde gya ahye.”+
-