10 Afei Abraham tenee ne nsa twee sekan no sɛ ɔrebɛku ne ba no.+ 11 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ firi soro frɛɛ no sɛ: “Abraham, Abraham!” Na ɔgyee so sɛ: “Menie!” 12 Na ɔkaa sɛ: “Mfa wo nsa nka abɔfra no; nyɛ no hwee. Afei na mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn, ɛfiri sɛ woamfa wo ba korɔ no ankame me.”+