-
Exodus 2:23-25Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
23 Mfeɛ* pii akyi no, Egypt hene no wuiɛ,+ nanso nkoasom no nti, Israelfoɔ no kɔɔ so sii apini, na wɔsu hwehwɛɛ ɔboafoɔ, na wɔn sufrɛ no duruu nokorɛ Nyankopɔn no asom.+ 24 Ɛduruu baabi no, Onyankopɔn tee wɔn apinisie+ no, na Onyankopɔn kaee apam a ɔne Abraham, Isak, ne Yakob yɛeɛ no.+ 25 Enti Onyankopɔn hwɛɛ Israelfoɔ no, na Onyankopɔn hunuu deɛ wɔrefa mu.
-