-
1 Berɛsosɛm 25:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
25 Bio nso, Dawid ne mpanimfoɔ a wɔdeda akuo no ano no yii Asaf, Heman, ne Yedutan+ asefoɔ no bi sɛ wɔnsom na wɔmfa asankuo, asankuten, ne nnawuro* nhyɛ nkɔm.+ Mmarima a wɔyii wɔn sɛ wɔnyɛ ɔsom adwuma no din na ɛdidi so yi. 2 Asaf mma nie: Sakur, Yosef, Netania, ne Asarela; wɔn nyinaa yɛ Asaf mma a wɔhyɛ Asaf ase, na ɔno nso yɛ nkɔmhyɛni a ɔhyɛ ɔhene ase.
-