-
Nehemia 10:35-37Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
35 Afei nso, yɛde yɛn nsaase so nnɔbaeɛ a ɛdi kan ne nnua ahodoɔ nyinaa aba a ɛdi kan bɛba Yehowa fie afe afe;+ 36 yɛn mmakan ne yɛn nyɛmmoa mmakan+ ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan nso, yɛde bɛba sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mmara no mu no; yɛde bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔresom wɔ yɛn Nyankopɔn fie no.+ 37 Afei yɛde yɛn aba a ɛdi kan mu esiam+ ne yɛn akyɛdeɛ ne nnua ahodoɔ nyinaa so aba,+ bobesa foforɔ ne ngo+ nso bɛbrɛ asɔfoɔ no wɔ yɛn Nyankopɔn fie adekora adan* mu,+ na yɛde yɛn nsaase so nnɔbaeɛ mu ntotosoɔ du du* bɛbrɛ Lewifoɔ no; Lewifoɔ no na wɔgye nkuro a yɛyɛ kuadwuma wom nyinaa so ntotosoɔ du du.+
-