-
Nehemia 13:12, 13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Na Yuda nyinaa de hwiit* ne bobesa foforɔ ne ngo so ntotosoɔ du du+ baa adekora adan no mu.+ 13 Afei mede adekora adan no hyɛɛ ɔsɔfoɔ Selemia, ɔtwerɛfoɔ* Sadok, ne Pedaia a ɔyɛ Lewini no nsa, ɛfiri sɛ na wɔbu mmarima yi anokwafoɔ; Matania ba Sakur ba Hanan na na ɔboa wɔn. Ná wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛkyekyɛ wɔn nuanom kyɛfa ama wɔn.
-