Genesis 5:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Adam dii mfeɛ 130 no, ɔwoo ɔba a ɔte sɛ ɔno wɔ ne suban so, na ɔtoo ne din Set.+ Dwom 51:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Hwɛ! Wɔwoo me no, na bɔne wɔ me ho,Na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.*+ Romafoɔ 5:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Ɛno nti, ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeɛ,+ na ɛmaa owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.+
12 Ɛno nti, ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeɛ,+ na ɛmaa owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.+